1 Corinthians 7

Aware ho nsɛmmisa

1Afei nea ɛfa nsɛm a mokyerɛw de brɛɛ me no ho ni: Eye sɛ ɔbarima nware. 2Nanso esiane aguamammɔ nti, ɛsɛ sɛ ɔbarima biara nya ɔno ankasa ne yere, na ɔbea biara nso nya ɔno ankasa ne kunu.

3Ɛsɛ sɛ ɔbarima yɛ nʼasɛde sɛ okunu na ɔbea nso yɛ nʼasɛde sɛ ɔyere na wɔn mu biara boa ne yɔnko. 4Ɔyere no nni nʼankasa ne ho so na mmom okunu no na odi ne so. Saa ara nso na okunu no nni nʼankasa ne ho so na mmom ɔyere no na odi no so. 5Mommfa mo ho nnkame mo ho mo ho. Gye sɛ mo nyinaa pene so bere tiaa bi a morebɔ mpae; na sɛ muwie mpaebɔ no a, munhyia mu, na moankɔ ɔbonsam nkyɛn, efisɛ, muntumi nni mo ho so.

6Menka saa asɛm yi sɛ ɔhyɛ so na mmom, mereka no sɛ mama mo ho kwan. 7Ɛkaa me nko a na anka mo nyinaa te sɛ me. Nanso obiara wɔ ɔdomakyɛde sononko bi a Onyankopɔn de ama no. Ɔde akyɛde yi ama oyi na ɔde eyi ama ɔfoforo.

8Afei, asɛm a mereka akyerɛ asigyafo ne akunafo ne sɛ: Ebeye sɛ mo nko ara mobɛtena ase sɛnea mete hɔ yi. 9Na sɛ morentumi nhyɛ mo ho so nso a, monkɔwareware. Eye sɛ mobɛware sen sɛ mobɛhyɛ mo ho ahometew.

10Mo awarefo nso, mewɔ asɛm bi a ɛyɛ ɔhyɛ a emfi me na efi Awurade nkyɛn se: Ɔyere nni ho kwan sɛ ofi ne kunu nkyɛn. 11Sɛ ɔyɛ saa a, ɛsɛ sɛ ɔno nko tena; sɛ ɛnte saa a, ɛsɛ sɛ wɔka ɔne ne kunu bom; ɛnsɛ sɛ okunu nso gyaa ne yere.

12Mo a moaka no, meka mekyerɛ mo mʼankasa, ɛnyɛ Awurade, se sɛ okristoni barima wɔ yere a ɔnyɛ okristoni na ɔbea no pene so sɛ ɔne no bɛtena ase a, ɛnsɛ sɛ ɔbarima no gyaa no. 13Saa ara nso na sɛ okristoni bea wɔ okunu a ɔnyɛ okristoni na ɔbarima no pene so sɛ ɔne no bɛtena a, ɛnsɛ sɛ ɔbea no gyaa no. 14Esiane bɔ a ɔbarima a ɔnyɛ okristoni de ne ho abɔ ɔbea no nti, Onyankopɔn begye no na ɔbea a ɔnyɛ okristoni no nso, esiane bɔ a ɔde ne ho abɔ ɔbarima no nti, Onyankopɔn begye no saa ara. Sɛ anyɛ saa a, wɔn mma bɛyɛ sɛ abosonsomfo mma nanso sɛnea ɛte yi de, Onyankopɔn begye wɔn atom.

15Na sɛ nso wɔn mu nea ɔnyɛ okristoni no pɛ sɛ ɔtew ne ho fi okristoni no ho a, momma no kwan. Sɛ ɛba saa a, okristoni no, sɛ ɛyɛ okunu anaa ɔyere no, de ne ho. Onyankopɔn afrɛ mo sɛ montena ase asomdwoe mu. 16Ɔyere a woyɛ okristoni, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo kunu nkwa? Na okunu a woyɛ okristoni nso, ɛbɛyɛ dɛn na woahu sɛ worentumi nnye wo yere nkwa?

17Mo mu biara ntena ase wɔ akyɛde a Awurade de akyɛ no no so sɛnea na ɔte a Onyankopɔn frɛɛ no no. Eyi ne mmara a mekyerɛ wɔ asafo biara mu.

18Sɛ twetiatwani bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔpopa twetia no ho nsɛnkyerɛnnede biara. Sɛ ɔbarima nso a ontwaa twetia bi ate Onyankopɔn frɛ a, ɛnsɛ sɛ otwa twetia. 19Efisɛ, sɛ obi atwa twetia na ɔfoforo nso ntwaa twetia no nka hwee. Nea ɛho hia ne sɛ wobedi Onyankopɔn mmara so.

20Sɛnea obiara te a Onyankopɔn frɛɛ no no, ɔntena no saa ara. 21Onyankopɔn frɛɛ wo no na woyɛ ɔsomfo anaa? Mma ɛno nhaw wo na sɛ wowɔ ɔkwan bi a wubetumi afa so ade wo ho a, fa so. 22Efisɛ, ɔsomfo a Awurade afrɛ no no yɛ Awurade nipa a ɔde ne ho. Saa ara nso na obi a ɔde ne ho a Kristo afrɛ no no yɛ Kristo somfo. 23Onyankopɔn tɔɔ wo ɛbo bi, ɛno nti, monyɛ nnipa asomfo. 24Anuanom, ɛsɛ sɛ mo mu biara tena ase wɔ Onyankopɔn mu sɛnea na mote ansa na wɔrefrɛ mo no.

25Nea ɛfa asigyafo nso ho no ni: Minnyaa mmara biara mimfii Awurade nkyɛn, nanso meka mʼadwene sɛ obi a Onyankopɔn adom no ahummɔbɔ a ahotoso wɔ mu.

26Wudwen mprempren ɔhaw yi ho a, midwen sɛ, eye sɛ onipa tena ase sɛnea ɔte biara. 27Wowɔ ɔyere? Sɛ wowɔ ɔyere a, nyɛ wʼadwene sɛ woregyaa no. Wonwaree anaa? Sɛ wonwaree a nhwehwɛ ɔyere. 28Nanso sɛ woware a, wonyɛɛ bɔne. Sɛ ɔbaabun ware a, ɔnyɛɛ bɔne. Nanso ɔhaw a saa aware no de ba no, sɛ ɛkaa me nko a anka mempɛ sɛ saa ɔhaw no bɛba mo so.

29Nea mekyerɛ ne sɛ, anuanom, bere a aka sua. Efi saa bere yi ɛsɛ sɛ mmarima a wɔawareware tena ase sɛnea wɔnwaree da; 30wɔn a wosu yɛ sɛnea wɔn werɛ nhowee; wɔn a wɔserew yɛ sɛnea wonni ahotɔ; wɔn a wɔtɔ yɛ sɛnea nea wɔtɔe no nyɛ wɔn de; 31wɔn a wɔde wiase abɔ wɔn bo yɛ sɛnea wonhuu bi da. Na sɛnea wiase yi te mprempren yi rentena saa nkyɛ.

32Mempɛ sɛ biribiara haw mo. Ɔbarima a ɔnwaree no, ɛsɛ sɛ ɔde ne ho ma Awurade adwumayɛ, efisɛ, ɔbɔ mmɔden sɛ Awurade ani bɛsɔ no; 33nanso ɔbarima warefo de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne yere ani, 34enti wɔtwe no afanu no nyinaa. Ɔbea a ɔnwaree anaa ɔbaabun de ne ho ma Awurade adwuma wɔ honam ne honhom fam; nanso ɔbea a waware no de ne ho to wiase nneɛma so, efisɛ, ɔpɛ sɛ ɔsɔ ne kunu ani.

35Mereka saa asɛm yi, efisɛ, mepɛ sɛ meboa mo. Merenhyehyɛ mmara bi mma mo. Na mmom, mepɛ sɛ moyɛ nea eye na ɛteɛ na mode mo ho nyinaa ma Awurade adwuma.

36Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde wɔn ho hyɛ aware mu na afei wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔrenware bio no, sɛ ɔbarima no hu sɛ ɔnyɛ nʼasɛde mma ɔbea no na sɛ ne dɔ mu yɛ den nti afei sɛ ɔpɛ sɛ ɔware a, ɛsɛ sɛ wɔware sɛnea ɔhwehwɛ no. Bɔne biara nni eyi ho. 37Na sɛ nso ɔbarima bi ayɛ nʼadwene denneenen sɛ obegyae aware a obi nhyɛ no a, sɛ ɛba sɛ obi hyɛ no sɛ ɔnware nanso wayɛ nʼadwene dedaw a, eye ma no sɛ ɔrenware ɔbea no. 38Enti ɔbarima a ɔware ne ɔbea no ayɛ ade de nanso ɔbarima a wanware ne ɔbea no ayɛ ade sen no.

39Sɛ ɔbea warefo kunu te ase a, ɔnne ne ho na sɛ ne kunu no wu de a, ɔwɔ ho kwan sɛ ɔware ɔforofo a ɔpɛ; nanso ɛsɛ sɛ ɛyɛ Kristo aware. 40Na sɛ otumi tena ase sɛnea ɔte no nso a, ne ho bɛtɔ no yiye. Mʼadwene ni, na migye di sɛ me nso Onyame Honhom wɔ me so.

Copyright information for TwiNAK